Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 3:12 - Apam Foforɔ

12 Ne mu na yɛnam gyidie so anya nnamyɛ ne akwanya, ahotɔsoɔ mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 3:12
12 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim,


ɔno so ne yɛnam anya saa adom a yegyina so yi; na yɛhoahoa yɛ ho anidasoɔ a yɛ wɔ no Nyankopɔn animuonyam mu.


Yei ne ahotɔsoɔ a yɛanya no Kristo mu Nyankopɔn fam.


na ɔnam ne so ne yɛ nyinaa nam Honhom baako a ɔde yɛ kɔ Agya he hɔ.


Nti honnto ho nnamyɛ a ɔma akatua kɛseɛ he ntwene;


Nso Kristo deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ ba, na sɛ yɛsɔ nnamyɛ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he mu pintinn kosi awieeɛ a, ɔno ne ma yɛyɛ ne fiefoɔ.


Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,


Na afei, me mma nkumaa, hontena ne mu sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ oyi ne ho adi a, yebenya akokoɔduro na yɛmfa aniwuo nkohinta da a ɔbɛba he.


Nti anuanom adɔfo, sɛ yɛ akoma ammu yɛ fɔ a, hedeɛ na yɛde akokoɔduro kɔ Nyankopɔn anim.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ