Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkenkanee no twerɛ nsɛm he mu pɛn sɛ: ‘Boɔ a abantofoɔ apo he; abɛyɛ tweaso tiboɔ titire; yei yɛ deɛ Awurade ayɔ, na ɔyɛ yɛ ani so nwanwa’ anaa?
Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.
na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.
Mmerɛ bi a atwa mu he woanyi saa ahintasɛm yi adi ankyerɛ nipa biaa, sɛnea nnɛ ɔnam Honhom he so abɛda no adi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron he: