19 Nti afei honyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom hoyɛ yɔnko-mane-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ, ho ne ahoteefoɔ nyinaa,
ɔdɔɔso ma suani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛni, anaa akoa sɛ ne wura. Sɛ bɛfrɛɛ fie he wura he Beelsebul a, mprɛ ahe ne bɛmfrɛ fie he mufoɔ saa bi!
Ne saa nti, akwannya biaa a yebenya he, homma yɛnyɔ nnipa nyinaa papa, ne titire bɛ a bɛka agyidifoɔ abusua ho he.
honkae sɛ saa mmerɛ he na honnim Kristo, na hoyɛ amanfrafoɔ na honnyɛ Israel mane mma, na hoyɛ ahɔhoɔ apam he bɔhyɛ he ho, na honni anidasoɔ biaa, afei nso na honnim Nyankopɔn ho wiase abrabɔ mu.
nea befiri ne mu frɛ abusua biaa a ɔya soro ne asaase so he.
ɔne sɛ, Amanamane mufoɔ he abɛyɛ adedifoɔ te sɛ yɛ, nipadua korɔ heaa ho akwaa, na bɛnam asɛmpa he so anya bɔhyɛ he mu kyɛfa Kristo Yesu mu.
Na yɛ deɛ yɛ mane a yefiri mu ankasa ne soro, na hɔ ne yɛɛhwɛ Agyenkwa, Awurade Yesu Kristo anim afiri.
Yeinom nyinaa wuu gyidie mu a bɛ nsa anka bɔhyɛ he, na mmom behuu no akyirikyiri gye tomm, kaa sɛ, bɛyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ asaase yi so,
efiri sɛ yenni kuro a ɔtena hɔ daa ya ha yi, na mmom nea ɔɔba he na yɛɛhwɛ no kwane dendene.
Adɔfonom, mekasa kyerɛ ho sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a hoya wiase. Hontwe ho ho mfiri honam akɔnnɔ a ɔne kra he di asie he ho.
Honhwɛ dɔ mmorosoɔ a Agya he de adɔ yɛ, sɛ bɛmfrɛ yɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ ne mma nso. Deɛ nti a wiase nnim yɛ he ne sɛ onnim no.