Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 2:18 - Apam Foforɔ

18 na ɔnam ne so ne yɛ nyinaa nam Honhom baako a ɔde yɛ kɔ Agya he hɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 2:18
26 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


Nti Yesu kaa bio sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, mene nnwammuo he ano pono ma nnwane he.


Mene pono he, biaa a ɔfa me so kɔ mu he, bɛbɛgye no nkwa, na ɔbɛba mu, na wafiri adi, na wanya adidibea.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


ɔno so ne yɛnam anya saa adom a yegyina so yi; na yɛhoahoa yɛ ho anidasoɔ a yɛ wɔ no Nyankopɔn animuonyam mu.


Na sɛ hoannya akoayɛ honhom a ɔbɛma ho asane akɔ hu mu bio, na mmom hoanya abayɛ honhom. Nti yetumi team sɛ, “Abba! Agya!”


Na Honhom baako mu ne bɛbɔɔ yɛ asu kɔɔ nnipadua baako mu, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo—na bɛmaa yɛ nyinaa nomm Honhom baako.


nso yɛ deɛ, Nyankopɔn baako pɛ ne yenim sɛ ɔya hɔ, ɔno ne Agya he a nnoɔma nyinaa firi ne mu na ɔnam ɔno nti yɛ ya hɔ; saa ara nso ne yɛwɔ Awurade baako, Yesu Kristo a nnoɔma nyinaa nam ne so ba, na yɛ te ase ne mu he.


Na esiane sɛ hoyɛ mma nti, Nyankopɔn asoma ne Ba Honhom aba ho akomam a ɔteaam sɛ, “Abba, a ɔkyerɛ sɛ Agya!”


Ne mu na yɛnam gyidie so anya nnamyɛ ne akwanya, ahotɔsoɔ mu.


Nipadua baako ne Honhom baako ne ya hɔ, sɛnea bɛafrɛ ho aba anidasoɔ baako mu he,


Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.


berɛ a hode aseda ɔɔma Agya a waama hoafata sɛ honya ahoteefoɔ a bɛya hann he mu agyapadeɛ mu kyɛfa.


(efiri sɛ mmara he amma bibiaa anwie pɛyɛ); na mmom, anidasoɔ a ɔyɛ kyɛne yei so na yɛnam bɛne Nyankopɔn.


Ɔno ne bɛde hyira Awurade ne Agya he, na ɔnoaa nso ne bɛde dome nnipa a bɛayɔ bɛ sɛ Nyankopɔn nsɛso.


Na sɛ hofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim, na obu atɛne sɛdeɛ biaa adwuma teɛ he sɛ Agya a, homfa suro mmɔ ho bra ho ahɔhobea tenabea yi mu.


Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu.


Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,


Nti adɔfonom, metu ho fo sɛ, honkɔ so nyini ho gyidie kronkron mu, hommɔ mpaeɛ Honhom Kronkron he tumi mu,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ