12 honkae sɛ saa mmerɛ he na honnim Kristo, na hoyɛ amanfrafoɔ na honnyɛ Israel mane mma, na hoyɛ ahɔhoɔ apam he bɔhyɛ he ho, na honni anidasoɔ biaa, afei nso na honnim Nyankopɔn ho wiase abrabɔ mu.
Hoyɛ adiyifoɔ he ne apam a Nyankopɔn ne ho agyanom pameeɛ he mma, sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘W’aseni so ne bɛbɛfa ahyira asaase so mmusua nyinaa he.’
Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.
sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔnam nnoɔma mmienu a ɔnsesa so, sɛ Nyankopɔn ntumi nni torɔ, na yɛ a yɛadwane abɛtoa no he benya nkuranhyɛ a mu ɔdene na yɛasɔ anidasoɔ a ɔda yɛ anim he mu.
Nhyira nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn; saa Nyankopon yi ne yɛ n’Agya nso. Esiane n’ahummɔborɔ pii nti, ɔnam nyane a onyanee Yesu Kristo firii wuo mu he so maa yɛ nkwa foforɔ. Yei ama yɛanya anidasoɔ a atim,
Na mmom homfa anidie mma Kristo sɛ Awurade na honsom no ho akoma. Honsiesie ho ho sɛ, berɛ biaa a bi bebisa gyidi a howɔ ya ho mu he ho asɛm he, hobɛkyerɛ no aseɛ