Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 1:6 - Apam Foforɔ

6 na ayɛ ayeyie ama animuonyam adom a ɔde nam ne Dɔba he so akyɛ yɛ kwa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 1:6
41 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Ɔfrɛɛ apaafoɔ a ɔfaa bɛ nnɔn num he baeɛ, na ɔmaa bɛ mu biaa sɛnea paani dakorɔ akatua teɛ.


Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani.”


“Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.”


Yei nti ne Agya he dɔ me, efiri sɛ mede me nkwa to hɔ na mefa bio.


Agya he dɔ Ba he, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa.


Nti afei afobuo biaa nni hɔ ma bɛ a bɛya Kristo Yesu mu,


Nɔkwasɛm ne sɛ, ho nti ne bibiaa ya hɔ, na sɛdeɛ adom trɛ ka nnipa bebree he, aseda nso adɔɔso ahyɛ Nyankopɔn animuonyam.


Na yɛ nti nea onnim bɔne he, Nyankopɔn de yɛ bɔne ho afobuo to ne so, sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnam ne so bɛyɛ tenenee ama Nyankopɔn.


sɛnea ɔbɛyɛ a yɛ a yedii kane nyaa Kristo mu anidasoɔ he, yɛbɛtena ase ama n’ayeyie animuonyam.


yei ne yɛ agyapadeɛ he nyinasoɔ kosi sɛ yɛ nsa bɛka ama yɛayi Nyankopɔn ayɛ animuonyam mu.


na ama hoanya nteaseɛ, na hoahu anidasoɔ a ɔfrɛɛ ho baa mu he, nnoɔma a ɔyɛ ma n’animuonyam agyapadeɛ ahonyadeɛ ahoteefoɔ he mu,


sɛnea ɔbɛyɔ a mmerɛ a ɔɔba he mu ɔnam n’ayamyɛ so bɛda n’adom mmorosoɔ a mu nni hwehwɛbea he adi akyerɛ yɛ Kristo Yesu mu.


na tenenee aba a ɔnam Yesu Kristo so ba he ahyɛ ho ma ama Nyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


na bɛahu me ya ne mu, a menni meaa me tenenee a ofiri mmara he mu na deɛ ofiri Kristo mu gyidie mu, Nyankopɔn tenenee a ogyina gyidie so.


Na me Nyankopɔn de ho ahiadeɛ nyinaa bɛma ho sɛdeɛ n’ahonya teɛ, animuonyam mu, Kristo Yesu mu.


Ɔno ne agye yɛ afiri sum tumi mu, na ɔde yɛ akotim ne dɔ Ba he ahennie mu,


Ho nso hote sɛ aboɔ a nkwa yam a bɛnam so oosi honhom mu dane a ɔbɛyɛ asɔfokuo Kronkron a bɛnam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɔsɔ Nyankopɔn ani ya mu.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


Sɛ bi ɔɔka asɛm a ɔnka Nyankopɔn asɛm. Biaa a ɔsom he, mfa ahoɔdene a Nyankopɔn de ma no he nsom sɛnea bibiaa mu, bɛbɛfa Yesu Kristo so ahyɛ Nyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa he animuonyam. Amen!


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ