17 Na honnka nkyerɛ Arkipo sɛ, “Hwɛ sɛ wobewie som adwuma a wo nsa aka ya Awurade mu he.”
Saa ne deɛ onyaa mmienu he nso nyaa mmienu kaa ho.
Na ɔka yɛ ho, na onyaa som yi kyɛfa bi someeɛ.
Na beyii mpanyimfoɔ maa asafo biaa, na bɛde akɔmkyene bɔɔ mpaeɛ de bɛ hyɛɛ Awurade a bɛabenya ne mu gyidie he nsa.
Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.
Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,
Mmu w’ani ngu akyɛdeɛ a ɔya wo mu he so, meekyerɛ akyɛdeɛ a ɔnam nkɔmhyɛ so baa wo so, berɛ a asafo mpanyimfoɔ badwa he de bɛ nsa guu wo so he.
Ma w’ani mmara wo ho so ɔne wo nkyerɛkyerɛ so paa; toa so yeinom mu na wonam saa yɔ so bɛgye wo ne w’atiefoɔ nkwa.
Sɛ wode saa nkyerɛkyerɛ yi to anuanom anim a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a bɛatete wo gyidie nsɛm ne nkyerɛkyerɛ pa a woadi akyire he mu.
Timoteo, bɔ nea bɛde ahyɛ wo nsa he ho bane. Kwati nsɛmhuhuo ɔne nea bɛfrɛ no nimdeɛ nso ɔnte saa;
Yei nti, meekae wo sɛ kanyane Nyankopɔn akyɛdeɛ a ɔnam me nsa a mede guu wo so ba wo mu he;
Na deɛ wote firii m’anum adansefoɔ bebree anim he, ɔnoaa ne fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a bebetumi akyerɛkyerɛ binom nso nsa.
ne yɛ nuabaa Afia, ne Arkipus a ɔyɛ yɛ yɔnko sraani, ne asafo a ohyia wo fie he: