16 Na sɛ hokenkane krataa yi kyerɛ ho ho wie a, homma bɛnkenkane no Laodikeafoɔ asafo he nso mu; na honhwɛ sɛ ho nso hobɛkenkane me krataa a ɔya Laodikea asafo he mu nso.
Na mepɛ sɛ hohu apereapereɛ dendene a medi no ho ho ne bɛ a bɛya Laodikea ne bɛ a benhuu m’anim honam mu nyinaa nso ho.
Na medi ne ho adanseɛ sɛ waayɔ adwuma dene ama ho ne bɛ a bɛya Laodikea ne Hierapoli.
Honkyea anuanom a bɛya Laodikea ne Nimfa ne asafo a behyia ne fie he.
Mehyɛ ho Awurade mu sɛ, homma bɛnkenkane nwoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa.
Na sɛ bi antie yɛ asɛm a ɔya krataa yi mu a, honhyɛ no nso, ho ne no mmɔ fekuo, na ama n’ani awu.