Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Kolosefoɔ nwoma 4:12 - Apam Foforɔ

12 Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Kolosefoɔ nwoma 4:12
30 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Honyɛ pɛ, efiri sɛ, ho Agya ɔya soro he yɛ pɛ.


Esiane sɛ nnipa bebree afa ato bɛ ho so sɛ bɛbɛkyerɛ nsɛm a abam yɛ ntam he nnidisoɔ nnidisoɔ,


Na berɛ a ne ho yera no he, ɔbɔɔ mpaeɛ dendenndene; na ne ho mfifire yɛɛ sɛ mogyaa a ɔɔsosɔ gu fam.]


Sɛ bi yɛ me somfoɔ a ma no nni m’akyi, na baabi a meya he, hɔ ne me somfoɔ bɛba; na sɛ bi som me a, m’Agya bedi no ni.


Me ankasa mewɔ awerɛhyɛmu ma ho, me nuanom, ho ankasa hoayɛ ma nnepa a ɔyɛ nyinaa mu, nimdeɛ nyinaa ahyɛ ho ma, na hotumi kyerɛkyerɛ ho ho.


Nso anuanom, megyina yɛ Awurade Yesu Kristo ne Honhom he dɔ so, srɛ ho sɛ hommoa me, na homfa mpaebɔ nsrɛ Nyankopɔn aniberɛ so mma me,


Anuanom, honnyɛ asɛm he nteaseɛ mu mmɔfra; na mmom, honyɛ bɔne mu nkokoa; ne nyinaa mu he, honyɛ nnipa a bɛanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.


Nso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ bɛ a bɛanyini honhom fam, na ɔyɛ nyansa a ɔnyɛ wiase yi deɛ anaa wiase atumfoɔ a bɛbɛsɛe bɛ he deɛ.


Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.


Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.


Me mma nkumaa a meko ho awoɔ bio sɛ ɔbɛyɛ a Kristo su bewie pɛyɛ ho mu,


afei deɛ Kristo nam ne honam mu wuo so apata ho ne no ntam, na ama ɔde ho akɔ Nyankopɔn anim sɛ nnipa kronkron a dɛm ne asɛm biaa nni ho ho;


Ɔno ne yɛpae mu ka n’asɛm, na yɛbɔ kɔkɔ de nyansa kyerɛkyerɛ biaa, na yɛde ankorankorɛ biaa akɔ Nyankopɔn anim sɛ nipa a wawie pɛyɛ Kristo mu.


Yei nti ne mepre de m’ahoɔdene nyinaa yɔ adwuma sɛnea n’ahoɔdene kanyane me he.


Hosuaa yei firii Epafra, yɛ nua dɔfoɔ a yɛ ne no yɛ Kristo mu nkoa he nkyɛne. Ɔyɛ nɔkorɛ somfo ma Kristo, a ogyina yɛ anane mu,


Saa nti, ofiri da a yɛteeɛ he, yennyaeɛ mpaebɔ ne nkotosrɛ sɛ Nyankopɔn pɛ ho nimdeɛ nhyɛ ho ma honhom mu nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


ɔne Onesimo, nɔkwafoɔ ne nua dɔfoɔ a ɔyɛ ho honam-nipa, ne ɔɔba. Bɛbɛka ha asɛm nyinaa akyerɛ ho.


Asomdwie Nyankopɔn he ankasa nte ho ho koraa, ɔmfa ho honhom ne ho kra ne ho nipadua nsie yie ma onni mu, berɛ a ho ho ɔmma asɛm biaa wɔ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ he mu.


Na mmom bɛde aduane a mu oduru ma nipa a wayini, deɛ bɛatete no a n’adwene ma no tumi hu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ.


Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, twerɛ krataa yi de kɔma abusuakuo dummienu a bɛabɔ ahwete he de nkyea mma bɛ nyinaa.


Na homma boasetɔ nwie n’adwuma, sɛnea ɔbɛyɛ a ho bewie honhom mu nyini na ho ayɛ pɛ, a bibiaa ɔnka.


Ne saa nti honkeka ho mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ ho ho ho ho, na hommɔ mpaeɛ ma ho ho ho ho, na hoanya ayaresa. Teneneeni mpaebɔ a mu ɔdene tumi yɔ nnoɔma bebree.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Na nea obetumi asɔ ho mu na hoansonti, na ɔde ho asi n’animuonyam anim sɛ nnipa a benni dɛm ahosane mu he,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ