11 Na Yesu a bɛfrɛ no Yusto he nso kyea ho. Bɛne befiri bɛ a bɛatwa bɛ twetia he mu. Yeinom nkoaa ne me mfɛfoɔ ya Nyankopɔn ahennie he fam, na bɛabɛyɛ aboafoɔ a bɛahyɛ me dene.
Ne saa nti, ho a na ho awosuo mu he, na hoyɛ amanamane mufoɔ he, honkae sɛ, na “bɛ a bɛatwa bɛ twetia,” honam fam twetiatwa a bɛde nsa atwa, he frɛ ho sɛ “ho a bentwaa ho twetia,”
Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.