23 Sɛnea ho adwuma teɛ biaa, homfiri ho akoma mu nyɔ no sɛ hoyɔ ma Awurade, na mmom nyɛ nnipa.
“Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.
Bɛ a bebu da bi he, bɛde hyɛ Awurade animuonyam. Na bɛ a bedi he nso, bedi hyɛ Awurade animuonyam, esiane sɛ bɛda Nyankopɔn ase; bɛ a benni he nso, di a benni he bɛde hyɛ Awurade animuonyam, na bɛda Nyankopɔn ase.
Sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade, na sɛ yewu nso a, yewu ma Awurade; nti, sɛ yɛte ase oo, anaa sɛ yewu oo, yɛyɛ Awurade dea.
Ayerenom, hommerɛ ho ho ase mma ho kununom sɛnea hoyɔ ma Awurade.
Na nea hobɛyɔ biaa, kasa mu oo, nneyɔeɛ mu oo, honyɔ bibiaa Awurade Yesu dini mu, na homfa ne so mfa aseda mma Agya Nyankopɔn.
Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.
Hommrɛ ho ho ase Awurade dini mu mma nnipa nhyehyɛeɛ nyinaa, sɛ ɔyɛ hempɔno
Na yei ne deɛ Nyankopɔn pɛ, sɛ hode papayɔ si nnipa a benni adwene he nkwaseasɛm ano.