Maanya m’akatua nyinaa, na maanya ama no aboro so; m’ani asɔ paa, sɛ maanya akyɛdeɛ a hode manee Epafrodito he, afɔdeɛ a oohwam, afɔdeɛ a ɔfata na ɔsɔ Nyankopɔn ani.
Nkoa, honyɔ setie mma ho asaase so wuranom adeɛ nyinaa mu, ɔnyɛ anisoɔ som mu sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom akoma pa mu a ɔkyerɛ sɛ hosuro Awurade.