Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Kolosefoɔ nwoma 3:14 - Apam Foforɔ

14 Ne titire koraa he, homfa dɔ a ɔka nnoɔma nyinaa bom he mmɔ ho bra.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Kolosefoɔ nwoma 3:14
18 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ahyɛdeɛ foforɔ ne mede ɔɔma ho sɛ, honnodɔ ho ho sɛnea medɔɔ ho he, saa ne ho nso honnodɔ ho ho ho ho.


“Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ honnodɔ ho ho sɛnea medɔɔ ho he.


Meya bɛ mu, na woya me mu, sɛ ɔbɛyɛ a bebewie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wone woasoma me na wodɔ bɛ sɛnea wodɔ me he.


Honnne biaa ka, gye sɛ dɔ a hode bɛdodɔ ho ho; na nea ɔdɔ foforɔ he awie mmara he so di,


sɛnea oyii yɛ Kristo mu ansa na bɛtoo wiase fapem sɛ yɛbɛyɛ kronkron, na yɛ ho ɔmma asɛm n’anim.


Hommɔ mmɔdene sɛ hobekura Honhom baakoyɛ mu, asomdwie mu.


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


Mepɛ sɛ benya nkuranhyɛ bɛ akoma mu na bɛka bom dɔ mu, na bɛanya nteaseɛ pa nyinaa, na bɛanya Nyankopɔn ahintasɛm ho nimdeɛ a ɔne Kristo he ankasa.


Na nea ɔfa nuadɔ ho deɛ, onhia ho sɛ bɛtwerɛ bra ho, efiri sɛ hoaa ne Nyankopɔn akyerɛkyerɛ ho sɛ honnodɔ ho ho;


Na afutusɛm he botae ne dɔ a ofiri akoma pa, ahonim pa ne nɔkorɛ gyidie mu ba.


Nti afei, homma yɛmfa Kristo ho mfitiasesɛm he nto nkyɛne, na yɛmpere nkɔ nkyerɛkyerɛ a ɔfata bɛ a bɛ anyini Kristo mu he, na yɛansane anto fapem a ɔfa yeinom ho bio: nnwuma funu ho adwensakra ne Nyankopɔn mu gyidie,


Ne titire koraa he, honnodɔ ho ho yie, efiri sɛ, dɔ kata bɔne nyinaa so.


na homfa nuadɔ nka nyamesom pa ho; na homfa dɔ mapa nka nuadɔ ho.


Nsosonoeɛ a ɔda Nyankopɔn mma ne Bronsam mma ntam ne sɛ, biaa a ɔnyɔ deɛ ɔtene anaa ɔnnɔ ne nua he mfiri Nyankopɔn.


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo dini he nni, na yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, sɛnea ɔhyɛɛ yɛ he.


Yei ne ahyɛdeɛ a yɛanya no ne nkyɛne: nea ɔdɔ Nyankopɔn he, ɔsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ