Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ.
Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti
sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.
Honhwɛ yie na biaa amfa nipa nyansa ne nnaadaa hunu a ɔnam nnipa nhyehyɛeɛ so, ne wiase ahonhom so ammɛfa ho nommum, efiri sɛ saa nnoɔma yi nyinaa mfiri Kristo,
Me mma nkumaa, awieeɛ he abɛne. Bɛka kyerɛɛ ho sɛ Kristo-kotiafoɔ he bɛba, nso seesei, nnipa bebree aba a bɛko tia Kristo. Yei nti yɛahu sɛ ampa awieeɛ he abɛne.
Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.
Bɔfoɔ he too no twenee amena donkodonko he mu too mu safoa bram akyire na wantumi annaadaa amane bio kosi sɛ mfie apem he betwam. Nso mfie apem he akyi he bebegyaa no kakra.