Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Kolosefoɔ nwoma 2:19 - Apam Foforɔ

19 Saa nipa he nkita asafo he Ti a ɔma nipadua he nyinaa aduane, na ɔnam ntoatoamu ne ahoma so ma no ka bom gyina, na onyini nyini a ofiri Nyankopɔn mu he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Kolosefoɔ nwoma 2:19
33 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Mmom ɔsɛ sɛ bɛde bobesa mono gu nsa kotokuo foforɔ mu.


sɛ bɛ nyinaa bɛbɛyɛ baako, sɛnea wo, Agya, woya me mu, na meya wo mu; sɛ bɛ nso bɛnyɛ baako yɛ mu, na ama wiase agye adi sɛ wone wosomaa me.


Na afei bɛ a bɛgye diiɛ he mu bebree akoma ne bɛ kra yɛɛ baako, na bɛ mu biaa nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno nkoaa ne dea, na mmom bɛ nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ.


Nso sɛ mmane he bi bu firii ho a, na wo, wuram ngodua, bɛde wo hyɛɛ ananem sɛ wobenya ahonya a ɔya ngodua nhini he mu bi a,


Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu.


Nso mepɛ sɛ hote aseɛ sɛ Kristo ne beema biaa ti, na baa ti ne ne kunu, na Nyankopɔn ne Kristo ti.


Meduaeɛ, Apolo guguu so nsuo, na ɔyɛ Nyankopɔn ne maa ne nyiniiɛ.


Na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nane ase na waayɔ no nnoɔma nyinaa ti ama asafo a


ɔyɛ Kristo nipadua, a nea ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma he hyɛ no ma.


Ne mu ne nea bɛasi he nyinaa akeka atoa mu na ɔɔpagya akɔyɛ Nyankopɔn asɔredane kronkron;


Hommɔ mmɔdene sɛ hobekura Honhom baakoyɛ mu, asomdwie mu.


Na biaa nni hɔ a ɔtane ɔno ankasa ne nipadua, na mmom biaa yɛne ne nipadua na ɔhwɛ so yie, sɛnea Kristo yɔ maa asafo he,


Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,


na hoabɔ bra a ɔfata Awurade, a ɔsɔ n’ani koraa, berɛ a hooso aba nnwuma pa nyinaa mu, na ho akɔ so anya Nyankopɔn ho nimdeɛ pii nso.


Kristo yɛ ne nipadua he (meekyerɛ asafo he) ti; ɔno ne mfitiaseɛ, awufoɔ sɔreeɛ mu farebae, na ama no abɛyɛ adeɛ nyinaa mu kannifoɔ.


Mepɛ sɛ benya nkuranhyɛ bɛ akoma mu na bɛka bom dɔ mu, na bɛanya nteaseɛ pa nyinaa, na bɛanya Nyankopɔn ahintasɛm ho nimdeɛ a ɔne Kristo he ankasa.


Na Awurade mmaa dɔ a howɔ ma ho ho ne afoforɔ nyɛ kɛse sɛdeɛ yɛdɔ a yɛwɔ ma ho he teɛ he.


na ampa, hodɔ anuanom a bɛya Makedonia nyinaa. Nso adɔfoɔ, yɛhyɛ ho nkurane sɛ honkɔ so nyɔ ma no mmoro so.


Anuanom, ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase ma ho da biaa, sɛnea ɔfata, efiri sɛ ho gyidie oonyini mmorosoɔ, na dɔ a hode dɔ ho ho ho ho he nso oonyini.


N’awieeɛ ne sɛ, ho nyinaa hontena ase asomdwie mu. Honnya tema mma ho ho ho ho. Honnodɔ ho ho ho ho, na honyɛ ahummɔborɔ, na hommrɛ ho ho ase.


Na honyini ya yɛ Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno ne animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ