Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Kolosefoɔ nwoma 1:9 - Apam Foforɔ

9 Saa nti, ofiri da a yɛteeɛ he, yennyaeɛ mpaebɔ ne nkotosrɛ sɛ Nyankopɔn pɛ ho nimdeɛ nhyɛ ho ma honhom mu nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Kolosefoɔ nwoma 1:9
35 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Sɛ bi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ he firi Nyankopɔn hɔ anaa m’ankasa ne mebɔ me tim kasa.


Berɛ a Petro da afiase he, asafo he bɔɔ mpaeɛ aniberɛ so kyerɛɛ Nyankopɔn maa no.


Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.


sɛ nnoɔma nyinaa mu hoadi yie Kristo mu, kasa ne nimdeɛ nyinaa mu—


Hommɔ mmɔdene nhwehwɛ nea ɔsɔ Awurade ani.


Nti honnyɛ ho ho sɛ bɛ a bennim nyansa, na mmom honte Awurade pɛ ase.


nyɛ ani so som mu, te sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a hoayi ho yam ɔɔyɔ nea Nyankopɔn pɛ.


daa me mpaebɔ nyinaa mu he, mede anigyeɛ di ma ho nyinaa,


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.


Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Na akwannya biaa hobenya he hommɔ ho bra nyansa mu mma wiasefoɔ nhu.


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Yei nti yɛbɔ mpaeɛ ma ho daa, sɛ yɛ Nyankopɔn bɛma hoafata ne frɛ he, na wafa tumi so ama n’ayamyɛ anidasoɔ ne gyidie adwuma aba mu,


Berɛ biaa a mɛkae wo me mpaebɔ mu he, meda me Nyankopɔn ase daa,


Na mebɔ mpaeɛ sɛ wo gyidie mu ayɔnkofa he bɛma nnoɔma pa a ɔsɛ sɛ yɛyɔ no Kristo mu nyinaa ho nimdeɛ a mu dɔ ada adi.


efiri sɛ ho hia boasetɔ, sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ hoyɔ deɛ Nyankopɔn pɛ wie a, ho nsa bɛka deɛ wahyɛ ho bɔ he.


mma ho nni mu nnoɔma nyinaa mu na hoayɔ nea ɔpɛ, deɛ ɔyɔ ho mu adwuma he mfa Yesu Kristo so, sɛdeɛ ɔsɔ n’ani. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Sɛ ho mu bi hia nyansa a, ma no mmisa Nyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora biaa nni mu he, na ɔde bɛma nipa korɔ he.


Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.


Na yei ne deɛ Nyankopɔn pɛ, sɛ hode papayɔ si nnipa a benni adwene he nkwaseasɛm ano.


Efiri seesei ɔɔkɔ he, ho nna a aka ya asaase so ha he, ɔsɛ sɛ Nyankopɔn ne di ho abrabɔ so, na mmom ɔnyɛ nipa akɔnnɔ.


Na wiase ne n’akɔnnɔ ootwam, nso nea ɔyɔ Nyankopɔn apɛdeɛ he tena hɔ daa.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ