6 a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.
Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.
Na baa bi a bɛfrɛ no Lidia a ɔtɔno ntoma kɔkɔɔ a ofiri Tiatira na ɔsom Nyankopɔn he tiee yɛ asɛm he. Na Awurade biee n’akoma mu ma ɔyɛɛ aso maa nea Paulo kaeɛ he.
na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’
Anuanom agyidifoɔ, mepɛ sɛ hohu sɛ mpɛn pii ne maabɔ me tim pɔ sɛ mɛba ho nkyɛne (nso bibi asi me kwane), na ama matwa aba bi afiri ho hɔ sɛnea mayɔ no Amanamane a aka he hɔ.
nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.
efiri sɛ, yɛ asɛmpa he amma ho nkyɛne kwa, na mmom ɔbaa ahoɔdene ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛnea honim sɛ, ho nti, yɛbɔɔ yɛ bra faeɛ ho mu he.
Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu.
Na yɛ deɛ, ho nti ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase daa, anuanom a Nyankopɔn dɔ ho, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi ho kɔ nkwagyeɛ mu, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ yii ho kɔɔ nkwagyeɛ mu; ɔnam te a ɔde honhom he tee ho ho ne nɔkorɛ he mu gyidie ne gyee ho nkwa.
Me nua gyidini Silwano ne boaa me ma metwerɛɛ saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ ho nkurane na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Nyankopɔn adom trodoo. Honnyina mu pintinn.