23 nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.
Ɔte sɛ beema bi a oosi dane, a otutuu fam kɔɔ akyire na ɔtoo fapem botane so. Nti, berɛ a nsuo hyiriiɛ he, ɔbɛbɔɔ dane he, nso antumi anwoso no, efiri sɛ besii no yie.
Bɛyɛ Kristo asomfoɔ? Meyi ano te sɛ bɔdamni, meyɛ Kristo somafoɔ kyɛne bɛ: Brɛ adwuma a ɔboro so mu, afiaseda a ɔboro so mu, hweɛ a ɔtra so mu, wuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.
Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.
ne mu ne nipadua he nyinaa akeka atoatoa mu pɛpɛɛpɛ na ɔyɔ adwuma bom ma ɔde nea ohia ma sɛnea akwaa biaa dwumadie teɛ, na ama nipadua he anyini ayɛ dene dɔ mu.
Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.
Nso Kristo deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ ba, na sɛ yɛsɔ nnamyɛ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he mu pintinn kosi awieeɛ a, ɔno ne ma yɛyɛ ne fiefoɔ.
Nhyira nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn; saa Nyankopon yi ne yɛ n’Agya nso. Esiane n’ahummɔborɔ pii nti, ɔnam nyane a onyanee Yesu Kristo firii wuo mu he so maa yɛ nkwa foforɔ. Yei ama yɛanya anidasoɔ a atim,
Na ho deɛ, ngosra a honyaa no ne nsa mu he te ho mu, nti onhia ho sɛ bi kyerɛkyerɛ ho; na mmom nea ngosra heaa kyerɛkyerɛ ho afa adeɛ nyinaa ho he, hontena deɛ wasra ho ngo he mu. Na nea wakyerɛkyerɛ ho he yɛ nɔkorɛ, na ɔnyɛ torɔ!
Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire.