Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Kolosefoɔ nwoma 1:2 - Apam Foforɔ

2 twerɛ krataa yi de kɔma ahoteefoɔ ne anuanom a bɛyɛ Kristo mu agyidifoɔ a bɛya Kolose. Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn hɔ nka ho.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Kolosefoɔ nwoma 1:2
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nso Anania buaa sɛ, “Awurade maate beema yi ho asɛm afiri nnipa pii hɔ, sɛ ɔde bɔne bebree adi w’ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he.


Me Paulo ne meetwerɛ krataa yi de abra ho, Nyankopɔn adɔfoɔ, a hoya Roma nyinaa, ho a bɛafrɛ ho sɛ hommɛyɛ ahoteefoɔ he: Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a ɔya Korinto, ɔne bɛ a Nyankopɔn ate bɛ ho Kristo Yesu mu na wafrɛ bɛ sɛ bɛmmɛyɛ ahoteefoɔ, ɔne bɛ a bɛbɔ yɛ ne ho nyinaa Awurade Yesu Kristo dini baabiaa.


Yei nti ne mesomaa Timoteo maa no baa honkyɛne, ɔno ne yɛ me ba dɔfoɔ ne nɔkwafoɔ Awurade mu, sɛ ɔnkae ho m’akwane Kristo Yesu mu, sɛdeɛ mekyerɛkyerɛɛ hyiadane biaa mu ya baabiaa he.


Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Ne saa nti, ohyira bɛ a bɛgye di nyinaa, sɛnea ohyiraa Abraham he.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ; twerɛ krataa yi de kɔma ahoteefoɔ a bɛya Efeso na bɛyɛ Kristo Yesu mu agyidifoɔ nyinaa:


Sɛ ɔbɛyɔ na ho nso hobehu sɛnea me ho teɛ ne nea meeyɔ nti, Tihiko bɛka bibiaa akyerɛ ho. Ɔyɛ nua dɔfo pa ne Awurade somfoɔ nɔkwafoɔ.


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, twerɛ krataa yi de kɔma Kristo Yesu mu ahoteefoɔ a bɛya Filipi, ɔne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ.


Ɔnam Agya Nyankopɔn botaeɛ so ne beyii ho, na ɔnam ne Honhom so tee ho ho sɛ honyɔ setie mma Yesu Kristo na ɔnam so ama ne mogyaa he ate ho ho. Adom ne asomdwie mmorosoɔ nka ho.


Adom ne asomdwie nnɔɔso mma ho, Nyankopɔn ne yɛ Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.


Mmɔborɔhunu, asomdwie ne dɔ nnɔɔso mma ho.


Nsɛm a Yohane de kɔmaa asafo ahodoɔ nson a na bɛya Asia he di: Adom mmra ho so. Afei nso, asomdwie a ofiri nea ɔya hɔ, seesei, na ɔya hɔ firi tetentredee, na ɔya hɔ daa he, ne ahonhom nson a ɔya n’ahennwa anim,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ