Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.
Anuanom agyidifoɔ, mepɛ sɛ hohu sɛ mpɛn pii ne maabɔ me tim pɔ sɛ mɛba ho nkyɛne (nso bibi asi me kwane), na ama matwa aba bi afiri ho hɔ sɛnea mayɔ no Amanamane a aka he hɔ.
Nti besiee yɛ ne no ya asubɔ mu kɔɔ wuom, sɛ, sɛnea bɛde Agya he animuonyam nyanee Kristo firii awufoɔ mu he, saa ne ɔsɛ sɛ yɛ nso yɛnante nkwa foforɔ mu.
efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.
Na Nyankopɔn betumi ama adom nyinaa aboro so ama ho, na nnoɔma nyinaa mu ne daa nyinaa hoanya deɛ ɔdɔɔso ma ho nyinaa, na ho aboro so adwuma-pa nyinaa mu.
kosi sɛ yɛ nyinaa beduru Nyankopɔn Ba he ho gyidie baakoyɛ ne nimdeɛ mu, na yɛbɛwie nyini honhom mu, adi mu sɛnea Kristo a ɔyɛ susudua a ɔyɛ pɛ he teɛ;
Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,
Maanya m’akatua nyinaa, na maanya ama no aboro so; m’ani asɔ paa, sɛ maanya akyɛdeɛ a hode manee Epafrodito he, afɔdeɛ a oohwam, afɔdeɛ a ɔfata na ɔsɔ Nyankopɔn ani.
Saa nipa he nkita asafo he Ti a ɔma nipadua he nyinaa aduane, na ɔnam ntoatoamu ne ahoma so ma no ka bom gyina, na onyini nyini a ofiri Nyankopɔn mu he.
Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.
Gyidie nti ne Nyankopɔn faa Henok kɔeɛ a wanhu wuo; na “bɛanhu no bio, efiri sɛ Nyankopɔn faa no kɔeɛ.” Na ansa na ɔɔbɛfa no akɔ he, bedii ne ho adanseɛ sɛ “ɔsɔ Nyankopɔn ani.”
Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.