Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 9:20 - Apam Foforɔ

20 Adasamma a bɛkaeɛ he a haw he anku bɛ he antwe bɛ ho amfiri bɛ nnwuma ho. Bɛannyae ahohommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne aboɔ ne nnua a onhu adeɛ na ɔnte asɛm na ontumi nnante he som.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 9:20
43 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

efiri sɛ Yohane baa ho nkyɛne tenenee kwane so, nso hoanye no anni, na togyefoɔ ne nwamanmɔfoɔ gyee no diiɛ; mpo akyire yi a hohuiɛ yɛ nso, hoannsesa ho adwene anye no anni.


Nti berɛ a yɛahu sɛ yɛyɛ Nyankopɔn asefoɔ yi, ɔnsɛ sɛ yesusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa boɔ, anaa adwenie bi a nipa de n’adwene adi anaa wabɔ ne tirim ayɔ.


Afei nso, hoahu na hoate sɛnea ɔnyɛ Efeso nko na Paulo yi adane nnipakuo pii adwene ama bɛanya adwene foforɔ, na mmom ɔkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea bɛde nsa ayɔ he nyɛ anyame.


Nti ɔyɔɔ nantwie ba honyini bi, na bɛbɔɔ afɔdeɛ maa no. Na bɛgyee bɛ ani bɛ nsa ano nnwuma ho.


Mesuro sɛ sɛ meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase ya ho anim, na magyam ho mu dodoɔ a hoayɔ bɔne na hoansakra ho adwene, ne adwamammɔ ne akohwisɛm nea bɛadi he ho.


Afei, Honhom he ka no pefee sɛ, awieeɛ berɛ he mu, nnipa binom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho apa gyidie he,


Na mehuu nsɛnkyerɛnne foforɔ bi a ɔsõ na ɔyɛ nwanwa ya soro. Na abɔfoɔ nson kitakita haw nson a ɔyɛ haw a otwa toɔ, efiri sɛ, ɔno ne kyerɛ Nyankopɔn abufuo a otwa toɔ.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu awia so na bɛmaa awia tumi sɛ ɔmfa ne hyeɛ yaayaa he nhye nnipa.


efiri sɛ, na apɔnkɔ he tumi nyinaa firi bɛ anum ne bɛ dua. Bɛ dua te sɛ awɔ a bɛwɔ ti a ɔno ne na bɛde pirepira nnipa.


Saa nso ne bɛansakra bɛ adwene amfiri bɛ awudie, bɛ adutoɔ, bɛ adwamammɔ ne bɛ korɔnobɔ ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ