Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 9:18 - Apam Foforɔ

18 Saa haw ahodoɔ mmeɛnsa he a ɔyɛ gya, wusie ne sɔfe he a ofiri apɔnkɔ he anum baeɛ he kuu adasamma nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 9:18
9 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Afei bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɔɔdɛre sɛ gyatanaa te firii soro bɛhwee nsuo nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako mu.


Nsoromma he dini de Nwononwono. Nsuo he nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a bɛnomeeɛ he mu bebree wuwuiɛ, efiri sɛ, na ayɛ nwono.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛbɔɔ awia nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako ne bosome nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyem mmeɛnsa mu baako, na biaa nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako he duduruu sum, na adekyeɛ mu nkyekyem mmeɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa.


Bɔfoɔ a odi kane he hyɛne ne totorobɛnto he. Na asukɔtwea ne gya a ɔne mogyaa adi afra tɔ guu asaase so. Asaase nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ, na nwura mono nyinaa nso hyeeɛ.


Afei bɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛtoo bibi a ɔte sɛ bepɔ kɛseɛ a ɔɔdɛre too po mu.


Po he nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako danee mogyaa. Na abɔdeɛ a bɛwɔ nkwa a bɛya po mu he, bemu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛne mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako nso sɛeɛ.


Besansanee abɔfoɔ nnan he a bɛasiesie bɛ ama saa dɔnhwere yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afe yi sɛ benkuku adasamma mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako.


Na m’anisoadehunu he mu he, mehuu apɔnkɔ he ne bɛ akafoɔ. Na bɛ nkataboɔ he ahosu te sɛ gya, tumm te sɛ afasebiri, na ɔte sɛ sɔfe nso. Na apɔnkɔ he ti te sɛ gyata ti a gya, wusie ne sɔfe firi bɛ anum.


efiri sɛ, na apɔnkɔ he tumi nyinaa firi bɛ anum ne bɛ dua. Bɛ dua te sɛ awɔ a bɛwɔ ti a ɔno ne na bɛde pirepira nnipa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ