13 Afei bɔfoɔ a ɔtɔ so nsia he hyɛne ne totorobɛnto he, na metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebokyia a osi Nyankopɔn anim he mmɛne he mu.
na yɛwɔ Nyankopɔn fie so sɔfopanyini yi nti,
Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ.
Afei mehuu abɔfoɔ nson a begyinagyina Nyankopɔn anim. Bɛmaa bɛ ntotorobɛnto nson.
Afei bɔfoɔ a ɔto so nnum he hyɛnee ne totorobɛnto he, na mehuu nsoromma bi sɛ ofiri soro abɛhwe asaase so. Bɛmaa no amena donkodonko he ano safoa.