Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 9:1 - Apam Foforɔ

1 Afei bɔfoɔ a ɔto so nnum he hyɛnee ne totorobɛnto he, na mehuu nsoromma bi sɛ ofiri soro abɛhwe asaase so. Bɛmaa no amena donkodonko he ano safoa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 9:1
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Maahu sɛ Satan firi soro ahwe ase sɛ anyinam.


Na bɛsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ bɛ mmma bemfiri ne mu nkɔ bunu he mu.


anaa “Hwane besiane akɔ bunum” (ɔne sɛ ɔde Kristo befiri awufoɔ mu aba).


Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.


Nsoromma nson a wohu no me nsa nifa mu ne sika nkaneadua he nkyerɛaseɛ a ɔyɛ ahintasɛm he di: Nsoromma nson he yɛ asafo nson he abɔfoɔ, na nkaneadua nson he nso yɛ asafo nson he.”


Na sɛ bɛka bɛ asɛm he wie a, aboa a obefiri amena donkodonko he mu apie he ne bɛ bɛko. Obedi bɛ so aku bɛ.


Aboa a wohuu no he, na ɔte ase nso ɔnte ase bio. Oobefiri amena donkodonko he mu aba ama bɛasɛe no. Nnipa a bɛte asaase so a bɛantwerɛ bɛ dini angu ateasefoɔ nwoma he mu ansa na bɛɛbɔ wiase he, sɛ wohu aboa he a, ɔbɛyɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ mmerɛ bi na ɔte asɛ, nso seesei deɛ, ɔnte ase na ɔbɛsane aba.


Afei mehuu bɔfoɔ bi sɛ ofiri soro ɔɔba fam a na okita amena donkodonko he ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi.


Na bɛtoo Bronsam a ɔdaadaa bɛ he too gya ne sɔfe tadeɛ a bɛde aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he ato mu he mu. Na bɛbɛyɛ bɛ ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Na nsoromma tete firi soro bɛhwee asaase so te sɛ borɔdoma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu gu fam.


Afei bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɔɔdɛre sɛ gyatanaa te firii soro bɛhwee nsuo nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako mu.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛbɔɔ awia nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako ne bosome nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyem mmeɛnsa mu baako, na biaa nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako he duduruu sum, na adekyeɛ mu nkyekyem mmeɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa.


Afei mehuu abɔfoɔ nson a begyinagyina Nyankopɔn anim. Bɛmaa bɛ ntotorobɛnto nson.


Nsoromma he biee amena donkodonko he, na wusie kumoo firi mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wusie he maa awia hann ne mframa a ɔya hɔ he yɛɛ tumm.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ