Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 8:9 - Apam Foforɔ

9 Po he nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako danee mogyaa. Na abɔdeɛ a bɛwɔ nkwa a bɛya po mu he, bemu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛne mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako nso sɛeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 8:9
13 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔde ne dua twee nsoromma a ɔya soro he mu nkyemu mmeɛnsa mu baako too guu fam. Na ogyinaa baa a ɔɔwo he anim sɛnea ɔbɛyɛ a ɔwo abɔfra he to hɔaa pɛ, ɔbɛfa abɔfra he awe.


Bɔfoɔ a ɔto so mmienu he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu po mu. Afei nsuo he danee te sɛ awufoɔ mogyaa, na abɔdeɛ biaa a nkwa yam ya po he mu he wuiɛ.


Afei bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɔɔdɛre sɛ gyatanaa te firii soro bɛhwee nsuo nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako mu.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛbɔɔ awia nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako ne bosome nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyem mmeɛnsa mu baako, na biaa nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako he duduruu sum, na adekyeɛ mu nkyekyem mmeɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa.


Bɔfoɔ a odi kane he hyɛne ne totorobɛnto he. Na asukɔtwea ne gya a ɔne mogyaa adi afra tɔ guu asaase so. Asaase nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ, na nwura mono nyinaa nso hyeeɛ.


Besansanee abɔfoɔ nnan he a bɛasiesie bɛ ama saa dɔnhwere yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afe yi sɛ benkuku adasamma mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako.


Saa haw ahodoɔ mmeɛnsa he a ɔyɛ gya, wusie ne sɔfe he a ofiri apɔnkɔ he anum baeɛ he kuu adasamma nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ