Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 8:7 - Apam Foforɔ

7 Bɔfoɔ a odi kane he hyɛne ne totorobɛnto he. Na asukɔtwea ne gya a ɔne mogyaa adi afra tɔ guu asaase so. Asaase nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ, na nwura mono nyinaa nso hyeeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 8:7
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na sɛdeɛ awia de ne hyeɛ pie, na ɔhye wira mma ne nhwiren te tɔ, ma nhwiren he ahoɔfɛ sɛe he, saa ne defoɔ nso betwam akɔ berɛ a ogu so ɔɔyɔ ne nnwuma he.


Sɛnea Twerɛsɛm he ka sɛ, “Nnipa nyinaa te sɛ serɛ; na bɛ animuonyam te sɛ nhwiren. Serɛ he wu ma ne nhwiren he pre gu,


Ɔde ne dua twee nsoromma a ɔya soro he mu nkyemu mmeɛnsa mu baako too guu fam. Na ogyinaa baa a ɔɔwo he anim sɛnea ɔbɛyɛ a ɔwo abɔfra he to hɔaa pɛ, ɔbɛfa abɔfra he awe.


Bɔfoɔ a odi kane he kohwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu asaase so. Akuro a ohu na ɔyeya tutuu bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ ho agyinaeɛ he ne bɛ a bɛsomm ne sɛso honyini he nso.


Na asukɔtwea akɛseɛ a ɔte sɛ nkariboɔ ha firi soro guguu nnipa so, na asukɔtwea he haw nti, nnipa kaa Nyankopɔn ho abususɛm efiri sɛ na haw he so kɛse paa.


Mehwɛeɛ na hwɛ, pɔnkɔ nsõnsõ bi di. Bɛtoo ne sotefoɔ he dini sɛ Wuo. Na Asamando nso di n’akyi pɛɛ. Bɛmaa bɛ asaase nkyemu nnan mu baako so tumi sɛ bɛmfa afena ne kɔm ne wuo ne asaase so nkekaboa nkuku bɛ.


Yei akyi he, mehuu abɔfoɔ nnan sɛ, begyinagyina asaase ntweasoɔ nnan he so a, bɛɛtwe mframa nnan a ɔya asaase so he ɔɔsane akyi sɛnea ɔbɛyɛ a, mframa biaa ɔmmɔ asaase ne po ne dua biaa so.


Besansanee abɔfoɔ nnan he a bɛasiesie bɛ ama saa dɔnhwere yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afe yi sɛ benkuku adasamma mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako.


Saa haw ahodoɔ mmeɛnsa he a ɔyɛ gya, wusie ne sɔfe he a ofiri apɔnkɔ he anum baeɛ he kuu adasamma nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako,


Afei bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ bɛnsɛe serɛ anaa nnua anaa afideɛ biaa. Na mmom nnipa a Nyankopɔn ahyɛnsodeɛ he bi nni bɛ moma so he deɛ, betumi ha bɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ