Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 8:3 - Apam Foforɔ

3 Bɔfoɔ foforɔ a na okita sikakɔkɔɔ aduhwam adaka begyinaa afɔrebokyia he ho. Bɛmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Nyankopɔn nkurofoɔ he deɛ ho na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ afɔrebokyia a osi ahennwa he anim he so afɔdeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 8:3
32 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na berɛ a ɔɔhye aduhwam he, na nnipadɔm he nyinaa ya adihɔ ɔɔbɔ mpaeɛ.


Hwane ne ɔsɛ sɛ obu atɛne? Kristo Yesu ne nea obu atɛne, nea owuiɛ, na benyanee no, nea ɔte Nyankopɔn nsa nifa, nea odi ma yɛ nɔkorem he.


Ne saa nti berɛ biaa obetumi agye bɛ a bɛnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛne he, efiri sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama bɛ.


Mu ne sikakɔkɔɔ aduhwamhyeɛ bokyea ne apam adaka a bɛde sikakɔkɔɔ adura ho nyinaa, mu ne sika kuruwaa a mana yam ne Aaron poma a ɔfefɛeɛ ne apam aboɔpono he ya;


Afei mehuu bɔfoɔ tumfoɔ bi a ofiri soro oosiane ba fam. Na ɔhyɛ mununkum mu a nyankontɔno bɔ ne ti. Na n’anim te sɛ awia, na ne nane te sɛ gya fadum.


Bɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ gya so firi afɔrebokyia he mu pieeɛ. Ɔteaa bɔfoɔ a okita kantankrankyi nnamnnam he sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam he twitwa asaase so bobe aba akuoakuo he, efiri sɛ, n’aba he abere.”


Ɔyɔɔ saa he, ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutuu adwamaa he anim. Na bɛ mu biaa kita sankuo ne sika ayowa a aduhwam, a ɔyɛ ahoteefoɔ mpaebɔ, ahyɛ no ma.


Afei ɔtee nsɔano a ɔto so num he ano. Na mehuu bɛ a Nyankopɔn asɛm ne bɛ adanseɛ a bediiɛ nti bɛakuku bɛ he akra, afɔrebokyia he ase.


Na mehuu bɔfoɔ foforɔ a ofiri awia apieɛ ɔɔba a okita Nyankopɔn teasefoɔ he nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ nnan he a na Nyankopɔn ama bɛ tumi sɛ bɛnsɛe asaase ne po he.


Aduhwam he hua ne Nyankopɔn nkurofoɔ mpaeɛ firi bɔfoɔ he nsam kɔɔ Nyankopɔn anim.


Afei bɔfoɔ he faa aduhwam adaka he de gya a ofiri afɔrebokyia he so hyɛɛ no ma too twenee asaase so. Na apranaa ne nne ahoroɔ ne anyinam ne asaasewosoɔ baeɛ.


Afei bɔfoɔ a ɔtɔ so nsia he hyɛne ne totorobɛnto he, na metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebokyia a osi Nyankopɔn anim he mmɛne he mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ