13 Na mehuu kɔdeɛ bi sɛ a watu nam sorosoro, na metee sɛ ɔɔteam sɛ, “Bɛ a bɛte asaase so he nnue; honnue, honnue ɔnam totorobɛnto a aka a abɔfoɔ mmeɛnsa he ɔɔbɛhyɛne he nti.”
Na bɛtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ nnan ne mpanyimfoɔ he anim, na biaa antumi ansua dwom he, gye nnipa mpem ha aduannan nnan a bɛagye bɛ afiri asaase so he nko.
Afei mehuu bɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam soro soro a ɔɔkɔka Asɛmpa a ontwam da he akyerɛ asaase so nnipa a amane ne mmusuakuo ne kasa ne nkurofoɔ nyinaa ka ho.