10 Afei bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɔɔdɛre sɛ gyatanaa te firii soro bɛhwee nsuo nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako mu.
Nsoromma nson a wohu no me nsa nifa mu ne sika nkaneadua he nkyerɛaseɛ a ɔyɛ ahintasɛm he di: Nsoromma nson he yɛ asafo nson he abɔfoɔ, na nkaneadua nson he nso yɛ asafo nson he.”
Ɔde ne dua twee nsoromma a ɔya soro he mu nkyemu mmeɛnsa mu baako too guu fam. Na ogyinaa baa a ɔɔwo he anim sɛnea ɔbɛyɛ a ɔwo abɔfra he to hɔaa pɛ, ɔbɛfa abɔfra he awe.
Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Honsuro Nyankopɔn na honkamfo ne kɛseyɛ, efiri sɛ, berɛ he aduru sɛ obu adasamma atɛne. Honsom nea ɔbɔɔ soro, asaase, po ne nsuti he!”
Bɔfoɔ a odi kane he hyɛne ne totorobɛnto he. Na asukɔtwea ne gya a ɔne mogyaa adi afra tɔ guu asaase so. Asaase nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ, na nwura mono nyinaa nso hyeeɛ.
Besansanee abɔfoɔ nnan he a bɛasiesie bɛ ama saa dɔnhwere yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afe yi sɛ benkuku adasamma mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako.