Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 8:1 - Apam Foforɔ

1 Berɛ a ɔtee nsɔano a ɔto so nson he ano he, soro nyinaa tam dinn bɛyɛ dɔnhwere fa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 8:1
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na bɛkataa boɔ he ano, de nsɔano hyɛɛ no nso maa awɛmfoɔ he wɛne Yesu damena he.


Na mehuu nwoma bi ya deɛ ɔte ahennwa so he nsa nifa mu. Na bɛatwerɛ mu ne akyire nyinaa a na bɛde nsɔano nson asosɔ ano.


Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.


Afei mehuu sɛ adwamaa he ate nsɔano nson he mu nea odi kane he ano, na metee sɛ ateasefoɔ nnan he mu baako de nne a ɔte sɛ apranaa ɔɔka sɛ, “Bra!”


Na mehuu sɛ ɔtee nsɔano a ɔtɔ so nsia he ano. Na asaasewosoɔ a ano ɔdene ba maa awia yɛɛ tumm sɛ birisie, na bosome yɛɛ kɔɔ sɛ mogyaa.


Na ɔtee nsɔano a ɔto so mmienu he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so mmienu he ɔɔka sɛ, “Bra!”


Na ɔtee nsɔano a ɔtɔ so mmeɛnsa he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so mmeɛnsa he ɔɔka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na hwɛ, pɔnkɔ tuntum bi di. Na nea ɔte ne so he kita nsania ya ne nsam.


Afei adwamaa he tee nsɔano a ɔtɔ so nnan he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so nnan he ɔɔka sɛ, “Bra!”


Afei ɔtee nsɔano a ɔto so num he ano. Na mehuu bɛ a Nyankopɔn asɛm ne bɛ adanseɛ a bediiɛ nti bɛakuku bɛ he akra, afɔrebokyia he ase.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ