Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 7:9 - Apam Foforɔ

9 Yei akyi he, mehwɛeɛ, na mehuu nnipakuo a biaa ntumi nkane bɛ dodoɔ a befiri amane ne mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa nyinaa mu a begyinagyina ahennwa he ne Adwamaa he anim a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa kitakita berɛɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 7:9
41 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii he dɔɔso ama bɛakyere so ama beetiatia bɛ ho bɛ ho he, Yesu dii kane ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Honhwɛ yei Farisifoɔ mmɔreka a ɔyɛ nyaatwom he ho.


Nti, honwɛne, na honsrɛ berɛ nyinaa na hoatumi agyina nnoɔma a otwa sɛ osisi yi nyinaa ano, na hoatumi agyina Nipa Ba he anim akokoɔduro so.”


bɛfaa berɛɛ, na befiri adi sɛ beekohyia no, na bɛteaam sɛ, “Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔɔba Awurade dini mu— Israel hene he!”


Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.


Nti homfa Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na hoatumi agyina mmerɛ bɔne he mu, na hoko wie a, hoagyina pintinn.


Nti ɔnam nipa baako a na ɔte sɛ deɛ waawu he so ne maa nipa, “na bɛdɔɔso sɛ soro nsoromma ne mpoano anwea a bentumi nkane mpo” baeɛ.


Na mmom, ho deɛ hoaba Sion Bepɔ so ne Nyankopɔn teasefoɔ he kuro, soro Yerusalem, ne abɔfoɔ bebree nhyiamu,


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Bibiaa a ɔhyɛ Nyankopɔn nnome ase he nkɔ kuro he mu. Bebehu Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa ya kuro he mu na ne nkoa bɛsom no.


Nti metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ a bɛabere ho gya mu, firi me nkyɛne sɛnea ɔbɛma woayɛ defoɔ. Afei tɔ ntaadeɛ fitaa hyɛ fa kata w’adagya a ama w’anim agu ase he so. Afei tɔ aniduro sra w’ani so sɛnea wobehu adeɛ.


Na ahennwa aduonu nnan atwa ahennwa he ho ahyia a mpanyimfoɔ aduonu nnan tete so a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa na sikakɔkɔɔ abotire bobɔ bɛ ti.


Bio mehwɛeɛ, na metee abɔfoɔ mpempem buburugyaa nka. Na bɛatwa ahennwa he ne ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ he ho ahyia


Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.


Bɛmaa bɛ mu biaa ataade tentene fitaa, na bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ bɛntwɛne kakra nkosi sɛ bɛ mfɛfoɔ asomfo ne bɛ nuanom a bebekuku bɛ sɛnea bekuu bɛ he bɛba abɛka bɛ ho ama bɛ dodoɔ awie pɛyɛ.


Sebulon abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Yosef abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu. Benyamin abusuakuo mu nnipa a bɛhyɛɛ bɛ nso he dodoɔ yɛ mpem dummienu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ