2 Na mehuu bɔfoɔ foforɔ a ofiri awia apieɛ ɔɔba a okita Nyankopɔn teasefoɔ he nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ nnan he a na Nyankopɔn ama bɛ tumi sɛ bɛnsɛe asaase ne po he.
Nso Yesu yɔɔ komm. Afei sɔfo panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Nyankopɔn teasefoɔ he ntam gu wo so sɛ, sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba he a, ka kyerɛ yɛ!”
Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”
Na ho nso, berɛ a hotee nɔkorɛ asɛm he, ho nkwagyeɛ ho asɛmpa he, honyaa ne mu anidasoɔ. Ne muaa nso ne berɛ a hogyediiɛ he, bɛde Honhom Kronkron a bɛhyɛɛ ne ho bɔ he hyɛɛ ho nso;
sɛ yei nyina mu he Nyankopɔn fapem da soaa gyina hɔ pintinn a ho ntwerɛeɛ ne sɛ: “Awurade nim ne deɛ,” ɔne, “ma nea ɔbɔ Awurade dini biaa ntwe ne ho mfiri amumuyɔ ho.”
Bɔfoɔ foforɔ a na okita sikakɔkɔɔ aduhwam adaka begyinaa afɔrebokyia he ho. Bɛmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Nyankopɔn nkurofoɔ he deɛ ho na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ afɔrebokyia a osi ahennwa he anim he so afɔdeɛ.