Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 7:15 - Apam Foforɔ

15 Na yei nti ne begyina Nyankopɔn ahennwa anim a bɛɛsom awia ne anadwo ne hyiadane mu yi. Nea ɔbɛtena ahennwa he so he bɛbɔ bɛ ho bane.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 7:15
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Honnim sɛ hoyɛ Nyankopɔn asɔredane na Nyankopɔn Honhom te ho mu?


Mmɛ ne abosom wɔ yɔ ne Nyankopɔn asɔrefie? Na yɛyɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he asɔredane; sɛnea Nyankopɔn kaeɛ he, Mɛtena bɛ mu na mɛnante bɛ mu, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛyɛ me nkurofoɔ.


nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.


Na afei yɛ asɛm a yɛɛka he titire paa ne sɛ, yɛwɔ saa sɔfo panyini yi a ɔte deɛ ɔte Tumi kɛseɛ he ahennwa nifa so ya soro,


Afei Nyankopɔn asɔredane a ɔya soro he bieeɛ ma behuu adaka a apam he ya mu he asɔredane he mu. Afei anyinam ne apranaa paepaeɛ, na asaase wosoeɛ, na asukɔtwea pii nso baeɛ.


Na obiee n’ano kaa abususɛm tiaa Nyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne dini ne ne ntomadane ne bɛ a bɛtete soro he ho abususɛm.


Na bɛtoo Bronsam a ɔdaadaa bɛ he too gya ne sɔfe tadeɛ a bɛde aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he ato mu he mu. Na bɛbɛyɛ bɛ ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Na manhu asɔredane ya kuro he mu baabiaa, efiri sɛ, na Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, ne Adwammaa he ne yɛ n’asɔredane.


Bibiaa a ɔhyɛ Nyankopɔn nnome ase he nkɔ kuro he mu. Bebehu Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa ya kuro he mu na ne nkoa bɛsom no.


Adeɛ ɔnnsa hɔ bio na nkanea anaa awia ho nhia, efiri sɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ bɛ hann na bebedi ahene daa daa.


Na ahennwa aduonu nnan atwa ahennwa he ho ahyia a mpanyimfoɔ aduonu nnan tete so a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa na sikakɔkɔɔ abotire bobɔ bɛ ti.


Na ateasefoɔ nnan he mu biaa wɔ ntabane nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa bɛto nnwom sɛ, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a na ɔya hɔ tetentredee, na seesei nso ɔya hɔ, na ɔya hɔ daa.”


Saa ateasefoɔ nnan he to nnwom de hyɛ nea ɔte ahennwa he so a ɔte hɔ daa daa he animuonyam de ma no anidie da no ase.


Yei akyi he, mehwɛeɛ, na mehuu nnipakuo a biaa ntumi nkane bɛ dodoɔ a befiri amane ne mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa nyinaa mu a begyinagyina ahennwa he ne Adwamaa he anim a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa kitakita berɛɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ