Nti berɛ a Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ asɔredane mu hɔ he, ɔteaam sɛ, “Honim me, na honim baabi a mefiri nso. Na ɔnyɛ m’ankasa mepɛ so na me baeɛ, na nea ɔsomaa me he yɛ nɔkwafoɔ a honnim no.
Na Petro huu yei he, ɔka kyerɛɛ nkurofokuo he sɛ, “Israel mmeema, ɛɛne nti ne yei yɛ ho nwanwa, mmɛ nti ne hoohwɛ yɛ haa te sɛ nea yɛnam yɛ ankasa yɛ tumi anaa yɛ tenenee so ne ama beema yi anante yi?
“Nso ho mu kakraa bi a bɛya Sardi he mfaa wiase nkekaeɛ nkekaa bɛ ntaadeɛ mu. Na bɛ ne me bɛnante berɛ a bɛhyɛ ntaade fitaa, efiri sɛ, bɛfata sɛ bɛyɔ saa.
Afei mpanyimfoɔ he mu baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Yuda abusuakuo mu Gyata a ɔyɛ Dawid aseni he adi nkunim, na ɔno ne betumi ate nsɔano nson he ano na wabie nwoma he mu.”
Yei akyi he, mehwɛeɛ, na mehuu nnipakuo a biaa ntumi nkane bɛ dodoɔ a befiri amane ne mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa nyinaa mu a begyinagyina ahennwa he ne Adwamaa he anim a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa kitakita berɛɛ.