12 kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔdene yɛ Nyankopɔn dea daa daa! Amen!”
Na nnyae yɛ mma yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom gye yɛ firi bɔnefoɔ he nsam. [Efiri sɛ ɔyɛ wo ne ahennie ne tumi ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen!]
Biaa nni hɔ efiri sɛ, nnoɔma nyinaa firi ne mu, na ɔnam ne so, na ɔyɛ ne dea. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.
Sɛ anyɛ saa a, wode honhom hyira a, ɔbɛyɛ dɛ na deɛ ɔnte aseɛ he agye w’aseda he so sɛ “Amen”, bere a onnim deɛ wooka?
Nɔkwasɛm ne sɛ, ho nti ne bibiaa ya hɔ, na sɛdeɛ adom trɛ ka nnipa bebree he, aseda nso adɔɔso ahyɛ Nyankopɔn animuonyam.
a bɛagye ahini, na bɛde bɛ ani asi Kristo so, na bɛayɛ dene gyidie mu, sɛdeɛ bɛkyerɛɛ ho heaa, na ho aseda adɔɔso.
Na nea hobɛyɔ biaa, kasa mu oo, nneyɔeɛ mu oo, honyɔ bibiaa Awurade Yesu dini mu, na homfa ne so mfa aseda mma Agya Nyankopɔn.
Nyankopɔn koro a ɔnam yɛ Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛ Agyenkwa he, ɔno ne animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔdene ne tumi nka no mmerɛ santene, seesei ne daa nyinaa. Amen.
Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.
Mpanyimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ nnan he butubutu Nyankopɔn a ɔte n’ahennwa so he anim somm no. Na bɛteaam sɛ, “Amen, Haleluya!”