Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 6:2 - Apam Foforɔ

2 Afei mehwɛeɛ, na hwɛ, na pɔnkɔ fitaa bi di. Na deɛ ɔte ne so he kita agyane, na bɛmaa no ahenkyɛ. Ofiri adi sɛ nkunimdifoɔ a ookodi nkunim bio.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 6:2
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.


Na ɔsɛ sɛ odi hene kosi sɛ ɔde n’atamfoɔ nyinaa bɛhyɛ ne nane ase.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Na amanamane he bo fuiɛ, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ he aduru sɛ wobebu atɛne, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahoteefoɔ ne bɛ a besuro wo dini, nketewa ne akɛseɛ nyinaa, he akatua, na woasɛe bɛ a bɛasɛe asaase he.


Na mehwɛeɛ, na hwɛ, mununkum fitaa bi a na abɔdeɛ bi a na ɔte so he te sɛ nipa a sikakɔkɔɔ abotire bɔ ne ti na okita kantankrankyi nnamnnam bi di.


Afei mehuu bibi te sɛ ahwehwɛ po a bɛde gya afra mu, ne bɛ a bɛadi aboa he ne ne honyini ne n’akontahyɛdeɛ he so nkunim. Na begyinagyina ahwehwɛ po he ho a bekitakita Nyankopɔn nsankuo.


Bɛbɛko atia Adwamaa he ne n’akyidifoɔ, agyidifoɔ a bɛafrɛ bɛ he ne no bedi bɛ so, efiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahemfo mu Hene.”


Soro asraafoɔ a bɛhyehyɛ nwera fitaa a ani te a bɛtete pɔnkɔ fitaa so dii n’akyi.


Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.


Ntutummɛ he te sɛ apɔnkɔ a bɛasiesie bɛ ama ko. Bɛwɔ bibi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ bɛ ti. Na bɛ anim te sɛ nnipa anim.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ