Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 6:12 - Apam Foforɔ

12 Na mehuu sɛ ɔtee nsɔano a ɔtɔ so nsia he ano. Na asaasewosoɔ a ano ɔdene ba maa awia yɛɛ tumm sɛ birisie, na bosome yɛɛ kɔɔ sɛ mogyaa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 6:12
31 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Korasin due! Betsaida due! Efiri sɛ, sɛ bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no ho mu he, bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛasakra bɛ adwene afira ayitoma de nso apete bɛ tim de akyerɛ bɛ adwensakra dadaada.


“Saa ahohiahia nna he akyi pɛ awia bɛyɛ sum, na bosome ɔnhyerɛn; na nsoromma betutu afiri soro agu, na soro ahoɔdenneɛ bɛwoso.


Na amane bɛsɔre atia amane, na ahennie bɛsɔre atia ahennie, kɔm bɛba na asaase wosoɔ nso bɛba baabi bebree.


Na ofiri awigyina ɔɔkɔ he, sum baa asaase he nyinaa so kosii awia nɔn mmeɛnsa.


Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!”


Na mpofirem, asaasewosoɔ kɛseɛ siiɛ, na Awurade bɔfoɔ firi soro siane baeɛ, beminii boɔ he firii da he ano, na ɔtenaa so.


Na oduruu awigyina he, sum duruu asaase nyinaa so, kosii nnɔn mmeɛnsa.


Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.


Na anyinam tete maa apranaa paepaeɛ, na asaasewosoɔ kɛseɛ bi a ohu paa a ofiri berɛ a nnipa baa asaase so bi nsii saa da, baeɛ. Yei ne asaasewosoɔ nyinaa mu nea ano ɔdene paa.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu awia so na bɛmaa awia tumi sɛ ɔmfa ne hyeɛ yaayaa he nhye nnipa.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛbɔɔ awia nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako ne bosome nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyem mmeɛnsa mu baako, na biaa nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako he duduruu sum, na adekyeɛ mu nkyekyem mmeɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa.


Afei bɔfoɔ he faa aduhwam adaka he de gya a ofiri afɔrebokyia he so hyɛɛ no ma too twenee asaase so. Na apranaa ne nne ahoroɔ ne anyinam ne asaasewosoɔ baeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ