13 Na metee sɛ abɔdeɛ a ɔya soro, asaase so, asaase ase, po mu ne dea ɔya wiase nyinaa ɔɔto nnwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka nea ɔte ahennwa he so ne adwamaa he daa daa!”
nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.
Sɛ bi ɔɔka asɛm a ɔnka Nyankopɔn asɛm. Biaa a ɔsom he, mfa ahoɔdene a Nyankopɔn de ma no he nsom sɛnea bibiaa mu, bɛbɛfa Yesu Kristo so ahyɛ Nyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa he animuonyam. Amen!
Nyankopɔn koro a ɔnam yɛ Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛ Agyenkwa he, ɔno ne animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔdene ne tumi nka no mmerɛ santene, seesei ne daa nyinaa. Amen.
Afei mehuu adwamaa bi sɛ ogyina ahennwa he mfimfini a ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ he atwa ne ho ahyia. Wohwɛ a, na ɔte sɛ nea bɛaku no. Na ɔwɔ mmɛne nson ne ani nson a ogyina hɔ ma Nyankopɔn ahonhom nson a bɛasoma bɛ aba wiase he.
Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.
Na bɛka kyerɛɛ mmepɔ ne abotane he sɛ, “Honkata yɛ so na homfa yɛ nsie sɛnea ɔbɛyɛ a nea ɔte ahennwa he so he ani onhu yɛ na yemfiri Adwamaa he abufuo ano,