Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 4:7 - Apam Foforɔ

7 Na teasefoɔ a odi kane he te sɛ gyata; nea ɔtɔ so mmienu he te sɛ nantwie ba; nea ɔtɔ so mmeɛnsa he anim te sɛ nipa; na nea ɔtɔ so nnan he te sɛ kɔdeɛ a ootu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 4:7
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Anuanom, honnyɛ asɛm he nteaseɛ mu mmɔfra; na mmom, honyɛ bɔne mu nkokoa; ne nyinaa mu he, honyɛ nnipa a bɛanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.


Na bibi te sɛ ahwehwɛ po a ɔyɛ krɔgyee sɛ ahwehwɛ da ahennwa he anim. Na ateasefoɔ nnan a ani tuatua bɛ anim ne bɛ akyi atwa ahennwa he ho ahyia.


Na ɔtee nsɔano a ɔto so mmienu he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so mmienu he ɔɔka sɛ, “Bra!”


Na ɔtee nsɔano a ɔtɔ so mmeɛnsa he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so mmeɛnsa he ɔɔka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na hwɛ, pɔnkɔ tuntum bi di. Na nea ɔte ne so he kita nsania ya ne nsam.


Afei adwamaa he tee nsɔano a ɔtɔ so nnan he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so nnan he ɔɔka sɛ, “Bra!”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ