Na bɛtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ nnan ne mpanyimfoɔ he anim, na biaa antumi ansua dwom he, gye nnipa mpem ha aduannan nnan a bɛagye bɛ afiri asaase so he nko.
Afei mehuu bibi te sɛ ahwehwɛ po a bɛde gya afra mu, ne bɛ a bɛadi aboa he ne ne honyini ne n’akontahyɛdeɛ he so nkunim. Na begyinagyina ahwehwɛ po he ho a bekitakita Nyankopɔn nsankuo.
Na bɛde nhwene pa dummienu ne yɔɔ apono dummienu he. Apono he mu biaa, bɛde ahwene pa baako ne yɔeɛ. Na kuro he abɔntene kɛseɛ yɛ sika mapa, kronkron a ɔte sɛ ahwehwɛ.
Afei mehuu adwamaa bi sɛ ogyina ahennwa he mfimfini a ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ he atwa ne ho ahyia. Wohwɛ a, na ɔte sɛ nea bɛaku no. Na ɔwɔ mmɛne nson ne ani nson a ogyina hɔ ma Nyankopɔn ahonhom nson a bɛasoma bɛ aba wiase he.
Ɔyɔɔ saa he, ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutuu adwamaa he anim. Na bɛ mu biaa kita sankuo ne sika ayowa a aduhwam, a ɔyɛ ahoteefoɔ mpaebɔ, ahyɛ no ma.
Metee bibi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ nnan he nkyɛne. Na nne he kaa sɛ, “Ayuo susukora yɛ paani da koro akatua, na aburo susukora mmeɛnsa nso yɛ paani da koro akatua. Nso, nsɛe ngo he ne nsa he!”