Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 4:5 - Apam Foforɔ

5 Na anyinam ne nne ahodoɔ ne apranaa boboom firi ahennwa he mu. Na nkanea nson a bɛasosɔ a ɔɔdɛre ya ahennwa he anim. Na yeinom ne Nyankopɔn ahonhom nson.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 4:5
24 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu kaa sɛ, “Afei nso soro ahennie he bɛyɛ sɛ mmabaa du bi a bɛfaa bɛ nkanea sɛ beekohyia ayefokunu.


“Me deɛ mede nsuo ne bɔ asu kɔ adwensakram, na deɛ odi m’akyi ɔɔba he deɛ ɔkorɔn kyɛne me, na mensɛ mfata sɛ mekita ne mpaboa mpo. Ɔno ne nea ɔde Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu.


Na behuu bibi te sɛ gya a ɔɔdɛre a atwetwe sɛ kɛtrɛma, na obesisii bɛ atifi mmaako mmaako.


Nsɛm a Yohane de kɔmaa asafo ahodoɔ nson a na bɛya Asia he di: Adom mmra ho so. Afei nso, asomdwie a ofiri nea ɔya hɔ, seesei, na ɔya hɔ firi tetentredee, na ɔya hɔ daa he, ne ahonhom nson a ɔya n’ahennwa anim,


Ɔteaam maa ne nne woroo so sɛ gyata. Ɔfrɛeɛ he, apranaa nson he woroo so gyee so.


Afei Nyankopɔn asɔredane a ɔya soro he bieeɛ ma behuu adaka a apam he ya mu he asɔredane he mu. Afei anyinam ne apranaa paepaeɛ, na asaase wosoeɛ, na asukɔtwea pii nso baeɛ.


“Twerɛ krataa kɔma Sardi asafo he mu bɔfoɔ sɛ: “Yei ne nsɛm a ofiri nea ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson he nkyɛne. “Menim wo nnwuma; wowɔ dini sɛ wote ase deɛ, nso woawu.


Afei mehuu adwamaa bi sɛ ogyina ahennwa he mfimfini a ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ he atwa ne ho ahyia. Wohwɛ a, na ɔte sɛ nea bɛaku no. Na ɔwɔ mmɛne nson ne ani nson a ogyina hɔ ma Nyankopɔn ahonhom nson a bɛasoma bɛ aba wiase he.


Afei bɔfoɔ he faa aduhwam adaka he de gya a ofiri afɔrebokyia he so hyɛɛ no ma too twenee asaase so. Na apranaa ne nne ahoroɔ ne anyinam ne asaasewosoɔ baeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ