Honhom he faa me maa bɔfoɔ he de me kɔɔ serɛ so. Hɔ ne mehuu baa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a abususɛm dini ahyɛ no mã so. Na aboa he wɔ ti nson ne mmɛne du.
Afei nea ɔte ahennwa he so he kaa sɛ, “Hwɛ! Meeyɔ nnoɔma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, efiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ, na wobetumi de wo ho ato so.”
Na anyinam ne nne ahodoɔ ne apranaa boboom firi ahennwa he mu. Na nkanea nson a bɛasosɔ a ɔɔdɛre ya ahennwa he anim. Na yeinom ne Nyankopɔn ahonhom nson.
Na metee sɛ abɔdeɛ a ɔya soro, asaase so, asaase ase, po mu ne dea ɔya wiase nyinaa ɔɔto nnwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka nea ɔte ahennwa he so ne adwamaa he daa daa!”
Na bɛka kyerɛɛ mmepɔ ne abotane he sɛ, “Honkata yɛ so na homfa yɛ nsie sɛnea ɔbɛyɛ a nea ɔte ahennwa he so he ani onhu yɛ na yemfiri Adwamaa he abufuo ano,