Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 4:10 - Apam Foforɔ

10 Sɛ bɛyɔ saa a, mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutu nea ɔte ahennwa he so he anim sɔre nea ɔte hɔ daa daa he. Betu bɛ ahenkyɛ gu ahennwa he anim ka sɛ,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 4:10
28 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Bewuraa fie a na abɔfra he yam he mu he, behuu ɔne ne maame Maria, na bɛkoto sɔree no. Afei, bebiee bɛ kotokuo mu yii sikakɔkɔɔ, krobo, ne aduhwam de yɔɔ no ayɛ.


Na bɛkotoo no sane de anigye kɛseɛ baa Yerusalem.


Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ.


na ɔde deɛ ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ soro ne asaase ne po ne nea ɔya mu nyinaa he dini kaa ntam. Bɔfoɔ he kaa sɛ, “Bɛntwentwɛne bɛ nana ase bio.


Afei mpanyimfoɔ aduonu nnan a bɛte bɛ ahennwa so Nyankopɔn anim he de bɛ anim butubutuu fam, sɔree Nyankopɔn,


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


Afei ateasefoɔ nnan he mu baako maa abɔfoɔ nson he sikakɔkɔɔ nkuruwaa nson a, Nyankopɔn a ɔte ase daa daa he abufuo ahyɛ no ma.


Mpanyimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ nnan he butubutu Nyankopɔn a ɔte n’ahennwa so he anim somm no. Na bɛteaam sɛ, “Amen, Haleluya!”


Prɛko pɛ! Na meya honhom mu. Na hwɛ, na bɛde ahennwa bi asi soro a bi te so.


Na ahennwa aduonu nnan atwa ahennwa he ho ahyia a mpanyimfoɔ aduonu nnan tete so a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa na sikakɔkɔɔ abotire bobɔ bɛ ti.


Saa ateasefoɔ nnan he to nnwom de hyɛ nea ɔte ahennwa he so a ɔte hɔ daa daa he animuonyam de ma no anidie da no ase.


Ateasefoɔ nnan he gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanyimfoɔ he butubutuiɛ, na bɛkoto sɔreeɛ.


Ɔyɔɔ saa he, ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutuu adwamaa he anim. Na bɛ mu biaa kita sankuo ne sika ayowa a aduhwam, a ɔyɛ ahoteefoɔ mpaebɔ, ahyɛ no ma.


Na abɔfoɔ he atwa ahennwa he ne mpanyimfoɔ he ne ateasefoɔ nnan he ho ahyia. Afei bebutubutuu ahennwa he anim, sɔree Nyankopɔn


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ