Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 4:1 - Apam Foforɔ

1 Yei akyi he, mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu soro pono sɛ abie. Na nne bi teaam sɛ totorobɛnto a mate sɛ bi akasa akyerɛ me pɛn he; na ɔkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɔbɛba yei akyi.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 4:1
21 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ he, na opie firii nsuo he mu a pɛ, amonom hɔaa ne soro bie maa no na ohuu sɛ Nyankopɔn Honhom oosiane sɛ abuburo ɔɔba ne so.


Na oofiri nsuo he mu apie heaa, ohuu soro sɛ abie a na Honhom he oosiane sɛ abuburo ɔɔba ne so.


Berɛ a ɔbɔɔ nnipa he nyinaa asu he, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔɔbɔ mpaeɛ he, soro bieeɛ,


Na sɛ Nɔkorɛ Honhom he ba a, ɔbɛkyerɛ ho kwane akɔ nɔkorɛ he nyinaa mu, efiri sɛ omfiri ɔno ankasa ne mu ne bɛkasa, na mmom bibiaa ɔbɛte he ɔno ne ɔbɛka. Na ɔbɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔɔba.


na ohuu sɛ soro abie na adeɛ bi a ɔte sɛ nwera ntoma kɛseɛ bi oosiane firi soro ɔɔba asaase so te sɛ nea nnipa binom kitakita anoano nnan he na beegyaagyaa mu.


na ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Mehu sɛ soro abie a Nipa Ba he gyina Nyankopɔn nsa nifa.”


Awurade da he, na meya Honhom mu, na metee nne dendene bi ya m’akyi a ɔte sɛ totorobɛnto.


Afei, medanee m’ani pɛɛ sɛ mehu nea ɔɔkasa akyerɛ me he, mehuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson.


Nti afei twerɛ nnoɔma a wohu; nea wohu no seesei ne nea ɔbɛba akyire he.


Afei nne a ano ɔdene firi soro bɛkaa sɛ, “Homforo mmra soro ha.” Na berɛ a na bɛ atamfoɔ ɔɔhwɛ bɛ he, bɛfaa mununkum mu kɔɔ soro.


Afei Nyankopɔn asɔredane a ɔya soro he bieeɛ ma behuu adaka a apam he ya mu he asɔredane he mu. Afei anyinam ne apranaa paepaeɛ, na asaase wosoeɛ, na asukɔtwea pii nso baeɛ.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu mframa mu. Na nne dendene bi firi ahennwa a ɔya asɔredane he mu kaa sɛ, “Bɛawie.”


Afei mehuu sɛ soro abie a pɔnkɔ fitaa ya hɔ. Na nea ɔte ne so he dini de “Ɔseadeɛyɔ ne Nɔkwafoɔ,” na tenenee ne ogyina so bu atɛne ko ne ko nso.


Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ a wode wo ho to so a, ɔyɛ. Na Awurade Nyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ he somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɔbɛba nnansa yiaa he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ