7 “Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.
Mɛma wo soro ahennie he safoa, na deɛ wobɛkyekyere no asaase yi so he na bɛakyekyere no soro dada, na deɛ wobɛsane no asaase so he na bɛasane no soro dada.”
“Aa! Nha yɛ adwene! Nasareni Yesu, mmɛ ne yɛ ne wo wɔ yɔ? Nti wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ? Menim onii ko a woyɛ ankasa, wone Kronkronni a ofiri Nyankopɔn hɔ he.”
Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.
ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he
Na bɛɛto Nyankopɔn akoa Mose nnwom ne Adwamaa he nnwom sɛ, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɔyɛ nwanwa. O! meresantene hene, w’akwane tene na ɔyɛ nɔkorɛ.
“Twerɛ krataa kɔma Efeso asafo mu bɔfoɔ he, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ofiri nea a okita nsoromma nson ne nsa nifa mu a, ɔnante sika nkaneadua nson he ntam he nkyɛne.
Afei nea ɔte ahennwa he so he kaa sɛ, “Hwɛ! Meeyɔ nnoɔma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, efiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ, na wobetumi de wo ho ato so.”
Na ateasefoɔ nnan he mu biaa wɔ ntabane nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa bɛto nnwom sɛ, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a na ɔya hɔ tetentredee, na seesei nso ɔya hɔ, na ɔya hɔ daa.”
Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.
Bɛde nne a ano ɔdene kaa sɛ, “O Awurade Tumfoɔ, kronkronni ne nɔkwafoɔ! Wobɛtwentwɛne wo nane ase akosi da bɛ na woabu atɛne atua nnipa a bɛya asaase so ka yɛ mogyaa ho?”