Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 3:3 - Apam Foforɔ

3 Kae nea wonyaeɛ na woteeɛ he, di so na sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Sɛ woanwɛne a, mɛba wo so te sɛ korɔmfoɔ, na wonhu dɔnhwere korɔ a mɛba wo nkyɛne.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 3:3
24 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa nti honwɛne, efiri sɛ honnim da anaa dɔnhwere korɔ he a (Nipa Ba he bɛba.)


Honhwɛ yie, homma ho ani nna hɔ; efiri sɛ, honnim da a saa berɛ he bɛba.


Saa nti sɛ hoamma ho ani anna hɔ a, ɔbɛba mpofirem abɛto ho sɛ hoadeda.


Efiri sɛ ho ankasa honim yie sɛ Awurade bɛba berɛ a nnipa ani nni bɛ ho so te sɛnea korɔmfoɔ ba anadwo he.


Timoteo, bɔ nea bɛde ahyɛ wo nsa he ho bane. Kwati nsɛmhuhuo ɔne nea bɛfrɛ no nimdeɛ nso ɔnte saa;


Sɔ asɛmpa a wotee no me nkyɛne, gyidie ne dɔ a ɔya Yesu Kristo mu, he mu yie.


Yei nti, ɔsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛate he mu dene paa, na yɛamfiri ho da.


Nso megye di sɛ, ohia sɛ mmerɛ tentene a mete ase yi, mebɔ ho nkaeɛ kanyane ho saa asɛm yi ho.


Adɔfonom, yei ne krataa a ɔtɔ so mmienu a matwerɛ abra ho. Metwerɛɛ ne mmienu nyinaa sɛ mede ɔɔbɛkae ho, de akanyane ho adwene,


Na Awurade da he bɛba mpofirem te sɛ korɔmfoɔ ɔɔba he. Saa da he, soro bɛbobom dendene na ayera, na wiem nnoɔma bɛhye na asɛe, na bɛapa asaase ne so nnwuma nyinaa nso ho ntoma.


(“Hontie! Hwɛ, meeba te sɛ korɔmfoɔ. Nhyira ne nea ɔwɛne na ɔhwɛ ne ntaadeɛ so sɛnea ɔɔnnante adagya, ngu ne ho anim ase badwam!”)


Na honsɔ nea howɔ he mu dene nkosi sɛ mɛba.


Kae baabi a wofiri hwee ase. Sakra w’adwene firi bɔne ho na yɔ sɛnea kane he na woyɔ he. Sɛ woansakra amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛne abeyi wo kaneadua he afiri ne sibrɛ.


Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba.” Nhyira nka bɛ a betie adiyisɛm a ɔya saa nwoma yi mu he!


Ɔnkyɛre biaa mɛba. Sɔ nea wowɔ he mu dene, na bi annye wo nkunim abotire he.


Mekɔ so twe bɛ a medɔ bɛ he nyinaa aso. Nti bɔ mmɔdene na sakra w’adwene.


Nti nyane na kanyane nea aka wo nkyɛne he na anwu koraa, na menhuu wo nnwuma sɛ ɔyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ