Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 3:21 - Apam Foforɔ

21 Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 3:21
24 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ Nipa Ba he tena n’animuonyam adwa so a, na nnoɔma nyinaa yɛ foforɔ a, ho a hoadi m’akyi yi nso ho bɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.


Ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo ne yɔ, akoa pa ne nɔkwafoɔ; woadi kakra yi ho nɔkorɛ, mede nnoɔma bebree bɛhyɛ wo nsa; nya wo wura anigye he bi.’


Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.


na hoadidi anom me pono so m’ahennie mu, na hoatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.


Na Nyankopɔn ankasa bɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm.


Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!


sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ;


ayɔ yɛ ahemmane ne asɔfoɔ ama ne Nyankopɔn a ɔyɛ n’agya. Ɔno ne animuonyam ne tumi nka no daa daa. Amen!


Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu.


Bɛbɛko atia Adwamaa he ne n’akyidifoɔ, agyidifoɔ a bɛafrɛ bɛ he ne no bedi bɛ so, efiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahemfo mu Hene.”


Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. Bɛ a bɛadi nkunim he, mɛma bɛ akwanya na bɛadi nkwa dua a ɔya Nyankopɔn turo he mu aba he.’


Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem.


Nhyira ne bɛ a bɛate bɛ ho ama Awurade a benya kyɛfa sɔreeɛ a odi kane he mu. Saa nkurofoɔ he deɛ, wuprenu he nni bɛ so tumi, na mmom bɛbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na bɛne no bedi ahene mfie apem.


Woama bɛayɛ ahemmane ne asɔfoɔ ama yɛ Nyankopɔn, na bebedi asaase so ahene.”


Afei mehwɛeɛ, na hwɛ, na pɔnkɔ fitaa bi di. Na deɛ ɔte ne so he kita agyane, na bɛmaa no ahenkyɛ. Ofiri adi sɛ nkunimdifoɔ a ookodi nkunim bio.


efiri sɛ, Adwamaa he a ɔya ahennwa he mfinimfini he bɛyɛ bɛ dwanhwɛfoɔ de bɛ akɔ nkwa asuti ho. Na Nyankopɔn bɛpopa bɛ aniwa mu nisuo nyinaa.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ