Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 3:18 - Apam Foforɔ

18 Nti metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ a bɛabere ho gya mu, firi me nkyɛne sɛnea ɔbɛma woayɛ defoɔ. Afei tɔ ntaadeɛ fitaa hyɛ fa kata w’adagya a ama w’anim agu ase he so. Afei tɔ aniduro sra w’ani so sɛnea wobehu adeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 3:18
34 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Soro ahennie he te sɛ agyapadeɛ a bɛde asie asaase bi so, na bi huiɛ na ɔkata so; na ɔde ho anigyeɛ kɔtɔnoo deɛ ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ asaase he.


Nso mmadwemma he buaa bɛ sɛ, ‘Daabi, ɔnso yɛ ne ho; honkɔ adetɔnfoɔ hɔ nkɔtɔ bi.’


Saa ne nipa a ɔhyehyɛ agyapadeɛ fa nso ɔnyɛ defoɔ Nyankopɔn fam he teɛ.”


ɔno ne sɛ yɛhyɛ a, benhu yɛ sɛ yɛdeda adagya.


Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.


Ɔsɛ sɛ bɛyɔ papa, na bennya bɛ ho nnwuma pa fam; bɛ nsɛm ngo na bɛnkyɛ adeɛ fɛ so,


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


na ama bɛahu sɛ ho gyidie he yɛ kann, na ɔsombo kyɛne sikakɔkɔɔ mpo. Sikakɔkɔɔ a betumi sɛe no he mpo, bɛde gya sɔ hwɛ, nti ho gyidie a ɔsom bo kyɛne sikakɔkɔɔ he, ɔsɛ sɛ bɛsɔ hwɛ hu sɛ, obetumi agyina anaa. Ɔno akyi ansa na da a Yesu Kristo bɛba he, hoanya animuonyam.


(“Hontie! Hwɛ, meeba te sɛ korɔmfoɔ. Nhyira ne nea ɔwɛne na ɔhwɛ ne ntaadeɛ so sɛnea ɔɔnnante adagya, ngu ne ho anim ase badwam!”)


Bɛde nwera pa a ani hyerɛn na ani te maa no sɛ ɔnhyɛ.” Nwera pa he ne ahoteefoɔ tenenee adeyɔ.


“Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.


Woka sɛ, ‘Meyɛ defoɔ na maanya me ho, na mewɔ nea ohia me nyinaa.’ Nso wonnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ hiani. Woda adagya, na w’ani nso afira.


Na ahennwa aduonu nnan atwa ahennwa he ho ahyia a mpanyimfoɔ aduonu nnan tete so a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa na sikakɔkɔɔ abotire bobɔ bɛ ti.


Afei mpanyimfoɔ he mu baako bisaa me sɛ, “Hefoɔ ne bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa yi, na befiri he?”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ