Yesu buaa sɛ, “Mpo sɛ medi meaa me ho adanseɛ a, m’adanseɛ he yɛ nɔkorɛ, efiri sɛ, menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a meekɔ. Na ho deɛ honnim baabi a mefiri ne baabi a meekɔ.
Na sɛ hokenkane krataa yi kyerɛ ho ho wie a, homma bɛnkenkane no Laodikeafoɔ asafo he nso mu; na honhwɛ sɛ ho nso hobɛkenkane me krataa a ɔya Laodikea asafo he mu nso.
ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he
“Twerɛ krataa kɔma Efeso asafo mu bɔfoɔ he, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ofiri nea a okita nsoromma nson ne nsa nifa mu a, ɔnante sika nkaneadua nson he ntam he nkyɛne.
Na ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Bɛawie! Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ, kyerɛ sɛ, mfitiaseɛ ne awieeɛ he. Biaa a sukɔm de no he, mɛma no nsuo a ofiri nkwa asuti mu anom kwa.
Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ a wode wo ho to so a, ɔyɛ. Na Awurade Nyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ he somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɔbɛba nnansa yiaa he.
“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.