Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 22:6 - Apam Foforɔ

6 Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ a wode wo ho to so a, ɔyɛ. Na Awurade Nyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ he somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɔbɛba nnansa yiaa he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 22:6
26 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nipa Ba he bɛsoma n’abɔfoɔ, na bɛbɛboaboa bibi a ɔto sintidua ne abɔneyɛfoɔ nyinaa ano afiri n’ahennie mu,


sɛnea ɔnam n’adiyifoɔ kronkron a bɛtenaa ase tete he anum asɛ so aka


“Mmara he ne adiyifoɔ he tenaa hɔ besii Yohane so; efiri hɔ he, bɛpae mu ka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa, na nipa biaa bɔ mmɔdene sɛ obewura mu.


Na Petro ani baa ne ho so he, ɔkaa sɛ, “Afei ne mahu sɛ Awurade ankasa ne somaa ne bɔfoɔ beyii me firii Herode nsam ne nea na Yudafoɔ he ani da so sɛ bɛde bɛyɔ me nyinaa mu.”


Nso Nyankopɔn nam saa kwane yi so ama nnoɔma a ɔnam adiyifoɔ he so kaeɛ he aba mu sɛ, ne Kristo he behu amane.


a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee twerɛnsɛm kronkron he mu he,


efiri sɛ adiyifoɔ he wɔ tumi ya adiyie adom akyɛdeɛ he so.


Anuanom, nea meeka ne sɛ, esiane sɛ bɛatwa berɛ no so tia nti, ofiri saa berɛ yi, ma bɛ a bɛwɔ yerɛnom nyɛ sɛ benni bi he,


na wama ho a ahohiahia ba ho so he ahome, da a bebeyi Awurade Yesu ne n’abɔfoɔ a bɛwɔ tumi adi afiri soro ya gyaframa mu,


Afei nso, yɛwɔ honam fam awofoɔ a bɛtenetene yɛ, na yɛde buo ma bɛ. Sɛ saa deɛ a, nti ɔnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛ ho ase mpo kyɛne saa hyɛ honhom nyinaa Agya he ase na yɛanya nkwa anaa?


efiri sɛ adiyisɛm biaa nni hɔ a ofiri nipa nyansa mu ne baeɛ, na mmom Honhom Kronkron he ne nam nnipa he so kaa asɛm a ofiri Nyankopɔn nkyɛne.


na hoakae nsɛm a adiyifoɔ kronkron he kaeɛ mmerɛ bi a atwam he ne mmara a efiri Awurade ne Agyenkwa a bɛde faa ho asomafoɔ so maa ho he.


Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.


Soro ne ho ahoteefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, ɔno nti homma ho ani nnye ya ne ho, efiri sɛ Nyankopɔn abu no atɛne ama ho.


Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ dwammaa he ayefohyia apontoɔ ase.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Nyankopɔn asɛm turodoo.”


Afei nea ɔte ahennwa he so he kaa sɛ, “Hwɛ! Meeyɔ nnoɔma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, efiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ, na wobetumi de wo ho ato so.”


Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.”


Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so


“Me, Yesu, ne masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ ho saa nwoma yi nyinaa ho amanneɛ ya asafo mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, mene anɔpa nsoromma a ɔhyerɛn he.”


Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba.” Nhyira nka bɛ a betie adiyisɛm a ɔya saa nwoma yi mu he!


Yei akyi he, mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu soro pono sɛ abie. Na nne bi teaam sɛ totorobɛnto a mate sɛ bi akasa akyerɛ me pɛn he; na ɔkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɔbɛba yei akyi.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ